Add parallel Print Page Options

Yenim sɛ, sɛ yewu na yegyaw saa nipadua yi a, yebenya honhom foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛnyɛ nipadua na ɛbɛyɛ yɛn ankasa de daa wɔ soro hɔ. Mprempren, yesi apini pɛ sɛ wɔde soro atenae foforo no kata yɛn ho, efisɛ, sɛ wɔde kata yɛn ho a, wɔrenhu yɛn nipadua nka ho. Na sɛ yɛwɔ saa honam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yegyaw nipadua no na mmom yɛpɛ sɛ wɔde soro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no. Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyina.

Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim sɛ mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware. Efisɛ, yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so. Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebetu afi yɛn fi wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi. Sɛ yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani sen biribiara. 10 Efisɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase wɔ nipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no so na wobegyina abu atɛn no.

Yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa

11 Yenim sɛnea yɛfɛre Awurade, enti yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso sɛ munim me nso wɔ mo koma mu.

12 Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a, mubetumi ama wɔn a wɔde nipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no mmuae.

13 Yɛabobɔ adam anaa? Ɛyɛ Onyankopɔn nti. Anaasɛ yɛn adwenem da hɔ? Ɛyɛ mo nti. 14 Afei a yɛahu sɛ onipa biako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn so. Eyi kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wu no mu kyɛfa bi. 15 Owu maa yɛn nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti, owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no. 16 Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa abrabɔ so bu no atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa abrabɔ so na yebuu Kristo atɛn a, afei de, yɛrenyɛ saa bio. 17 Sɛ wɔka obi ne Kristo bom a, na ɔyɛ onipa foforo na onipa dedaw no kɔ ama onipa foforo aba.

18 Onyankopɔn a ɔnam Kristo so sesaa yɛn sɛ atamfo bɛyɛɛ ne nnamfo na ɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa afoforo nnamfo no so na ɔnam yɛ eyinom nyinaa. 19 Asɛm a wɔde brɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so fa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na wɔakyerɛ yɛn ɔkwan a ɔfaa so faa wɔn nnamfo.

20 Ɛha yi, yɛkasa ma Kristo sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo se: Kristo nti, yɛsrɛ mo, momma Onyankopɔn nsakra mo mfi atamfo mu mmɛyɛ nnamfo. 21 Na Kristo nni bɔne nanso yɛn nti, Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛne no nyinaa benya Onyankopɔn trenee no.