Add parallel Print Page Options

Mo gyidi boa asɛnka no

Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Nkrataa a edi adanse pa a efi yɛn nkyɛn anaasɛ ɛreba mo nkyɛn no ho hia yɛn sɛnea ebi ho hia nnipa afoforo bi no. Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakan. Ɛyɛ nokware sɛ Kristo no ankasa na ɔkyerɛw saa krataa yi ɛnna ɔde somaa yɛn. Ɛnyɛ kyerɛwduru na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.

Yɛka eyi, efisɛ, yɛnam Kristo so wɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu. Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fi Onyankopɔn. Ɔno na ɛnam ne so nti yetumi som apam foforo no a ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw na mmom Honhom. Mmara a wɔkyerɛw no de owu brɛ yɛn nanso Honhom no ma yɛn nkwa.

Kristo anuonyam foforo

Bere a wɔde mmara a wɔkyerɛw no ɔbo pon so rema no, Onyankopɔn anuonyam daa adi. Ɛwom sɛ Mose anim hyerɛn a ɛhyerɛnee no dumii nanso na ano yɛ den ara kosi sɛ Israelfo no antumi anhwɛ n’anim. Na saa mmara a ɛde owu ba de saa anuonyam no na ɛnam a, anuonyam bɛn na adwuma a efi Honhom mu no rennya. Dwuma a wobuu nnipa fɔ wɔ mu no yɛ anuonyam de. Anuonyam bɛn na dwuma a wobuu nnipa bem wɔ mu no rennya! 10 Yebetumi aka se esiane sɛ nnɛ yi anuonyam no di mu yiye no nti, anuonyam a na edi mu mmere bi a atwam no kɔ. 11 Na sɛ na anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, anuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.

12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. 13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanim kataa n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu n’anim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. 14 Na wɔn adwene mu nnɔ, na ebesi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan apam dedaw nhoma no a, saa nkatanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanim no befi hɔ no, gye sɛ onipa de ne ho ma Kristo. 15 Ebesi nnɛ, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanim no da so kata wɔn adwene so.

16 Nanso ebetumi afi hɔ sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mose de ne ho maa Awurade no, na ne nkatanim no fii hɔ.” 17 Kenkansɛm yi mu “Awurade” no yɛ Honhom, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ. 18 Yɛn a nkatanim biara nkata yɛn anim no gyina hɔ ma Awurade anuonyam na saa anuonyam no ara bi fi Awurade a ɔyɛ Honhom no, sesa yɛn ma yɛkɔ ne tebea mu ma yɛnam so nya anuonyam a ɛkorɔn yiye.