Add parallel Print Page Options

Ɔsomafo dwumadi

Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafo anaa? Minhuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa? Na sɛ afoforo mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafo a, mo de, mugye me tom saa. Sɛnea mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanse sɛ meyɛ ɔsomafo. Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa kwan yi so na mefa yi me ho ano.

Minni ho kwan sɛ m’adwuma nti, wɔma me aduan di ma me nsu nom anaa? Minni ho kwan sɛ meyɛ nea asomafo a aka no bi, sɛnea Awurade nuanom ne Petro yɛe, na meware okristoni bea de no ka me ho tu m’akwan yi? Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akwahoma? Ɔsraani bɛn na otua ɔno ankasa ne ho aka wɔ bere a odi sraa? Okuafo bɛn na onni n’afuw mu nnɔbae bi? Oguanhwɛfo bɛn na ɔnnom ne nguan a ɔyɛn wɔn no nufusu bi? Ɛnsɛ sɛ miti nhwɛso a ɛwɔ yɛn abrabɔ dedaw no mu efisɛ, Mmara no ka asɛm koro no ara. Yɛkan wɔ Mose Mmara no mu sɛ, “Sɛ wode nantwi retiatia aburow so a, nkyekyere n’ano.” Nantwi ho asɛm na ehia Onyankopɔn anaa? 10 Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokwarem wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu.

11 Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yenya wiase nnepa fi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo anaa? 12 Na sɛ afoforo wɔ tumi sɛ wɔhwɛ eyinom anim fi mo nkyɛn a, yɛn de, yenni tumi a ɛboro saa? Nanso yenni saa tumi yi ho dwuma biara. Mmom, yɛatena ase saa ara sɛnea yɛremfa hintidua biara nto Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no.

13 Munim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduan fi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka so no nso nya wɔn afɔrebɔde. 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka Asɛmpa no nya wɔn asetena fi mu.

15 Nanso menkaa saa asɛde yi ho hwee. Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw mprempren sɛ meregye saa asɛde no afa. Ɛnne anka medi kan mawu. Obiara rentumi mfa m’asɛde no nni agoru. 16 Minni tumi sɛ, esiane sɛ meka Asɛmpa no nti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka Asɛmpa no. Na sɛ manka Asɛmpa no a, mehu amane.

17 Sɛ meyɛ adwuma no sɛnea efi m’ankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ m’adwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. 18 Ɛnne na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka Asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa asɛde biara nso.

19 Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsesa akra dodow biara a metumi. 20 Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. M’ankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase nanso metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. 21 Saa ara na mekɔfraa Amanamanmufo no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn pɛ, a ɛne Yudafo mmara bɔ abira, sɛnea metumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase.

22 Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa sɛnea metumi mafa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ ye so magye wɔn mu bi nkwa.

23 Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi.

24 Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya akrade no. Enti tu mmirika no kwan bi so na nya akrade no. 25 Ɔkansifo biara a ɔresiesie ne ho no di mmara so. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. 26 Ɛno nti na meretu mmirika kɔ m’anim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku fom no. 27 Mede akuturuku ahyɛ me honhom den sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ mefrɛ afoforo sɛ wommesi akane no a, wɔrennyi me mfi mu.