Add parallel Print Page Options

Aware ho nsɛmmisa

Afei nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware. Nanso esiane aguamammɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.

Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ n’asɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ n’asɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. Ɔyere no nni n’ankasa ne ho so na mmom okunu no na odi ne so. Saa ara nso na okunu no nni n’ankasa ne ho so na mmom ɔyere no na odi no so. Mommfa mo ho nnkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a, munhyia mu, na moankɔ ɔbonsam nkyɛn, efisɛ, muntumi nni mo ho so.

Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so na mmom, mereka no sɛ mama mo ho kwan. Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdomakyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Ɔde akyɛde yi ama oyi na ɔde eyi ama ɔfoforo.

Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Ebeye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi. Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a, monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew.

10 Mo awarefo nso, mewɔ asɛm bi a ɛyɛ ɔhyɛ a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɔyere nni ho kwan sɛ ofi ne kunu nkyɛn. 11 Sɛ ɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔno nko tena; sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ wɔka ɔne ne kunu bom; ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.

12 Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo m’ankasa, ɛnyɛ Awurade, se sɛ okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. 13 Saa ara nso na sɛ okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no. 14 Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn begye no saa ara. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, Onyankopɔn begye wɔn atom.

15 Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu. 16 Ɔyere a woyɛ okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?

17 Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛde a Awurade de akyɛ no no so sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.

18 Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpopa twetia no ho nsɛnkyerɛnnede biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia. 19 Efisɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wobedi Onyankopɔn mmara so.

20 Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara. 21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ ɔsomfo anaa? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. 22 Efisɛ, ɔsomfo a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo somfo. 23 Onyankopɔn tɔɔ wo ɛbo bi, ɛno nti, monyɛ nnipa asomfo. 24 Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

25 Nea ɛfa asigyafo nso ho no ni: Minnyaa mmara biara mimfii Awurade nkyɛn, nanso meka m’adwene sɛ obi a Onyankopɔn adom no ahummɔbɔ a ahotoso wɔ mu.

26 Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, midwen sɛ, eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. 27 Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ w’adwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. 28 Nanso sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso ɔhaw a saa aware no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.

29 Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; 30 wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni ahotɔ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; 31 wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi rentena saa nkyɛ.

32 Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ, efisɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; 33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbaabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.

35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

36 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ aware mu na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hu sɛ ɔnyɛ n’asɛde mma ɔbea no na sɛ ne dɔ mu yɛ den nti afei sɛ ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ wɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. 37 Na sɛ nso ɔbarima bi ayɛ n’adwene denneenen sɛ obegyae aware a obi nhyɛ no a, sɛ ɛba sɛ obi hyɛ no sɛ ɔnware nanso wayɛ nádwene dedaw a, eye ma no sɛ ɔrenware ɔbea no. 38 Enti ɔbarima a ɔware ne ɔbea no ayɛ ade de nanso ɔbarima a wanware ne ɔbea no ayɛ ade sen no.

39 Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔforofo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware. 40 Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. M’adwene ni, na migye di sɛ me nso Onyame Honhom wɔ me so.