Add parallel Print Page Options

Ma ɔsoro nyɛ wo dadwen

Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Ne saa nti, nneɛma a ɛwɔ soro a ɛno nti Kristo te n’ahengua so wɔ Onyankopɔn nifa so no na monhwehwɛ. Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so na ɛnyɛ fam nneɛma. Efisɛ, moawu na wɔde mo nkwa asie mo ne Kristo wɔ Onyankopɔn mu. Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no na ɛbɛba wɔ n’anuonyam mu.

Nkwa dedaw ne nkwa foforo

Wiase akɔnnɔde te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsomsɛm no nyinaa, munyi mfi mo abrabɔ mu. Wɔn a wɔbɛyɛ asoɔden wɔ saa nneɛma no ho no, Onyankopɔn abufuw bɛba wɔn so. Bere bi a atwam no, esiane sɛ na akɔnnɔsɛm di mo abrabɔ so nti, na mo ankasa mudi mo akɔnnɔ akyi. Afei munnyae saa nneɛma yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom.

Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho, efisɛ, moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene 10 de nipadua foforo asi ananmu. Oyi ne onipa foforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ no no sesa no wɔ ne suban so nam so ma muhu nsɛm a ɛfa ne ho nyinaa. 11 Esiane saa nti, Amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho nni hɔ bio. Kristo ne ne nyinaa. Kristo wɔ biribiara mu.

12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de. Enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre. 13 Mommoaboa mo ho mo ho na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛnea Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.

14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde biakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho. 15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa sɛ nnipa koro no. Momma mo ani nsɔ.

16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. 17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Ayɔnkofa pa

18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ Awurade mu.

19 Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.

20 Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

21 Awofo, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.

22 Asomfo, ade nyinaa mu, muntie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo na mmom, esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ. 23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monyɛ mma nnipa. 24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne Owura a mosom no. 25 Ɔdebɔneyɛfo te dɛn ara a, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a animhwɛ biara nni mu.