Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn.

De kɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu gyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Aseda ne mpaebɔ

Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Efisɛ, yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefo no. Da a edi kan a motee Asɛmpa no, munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no.

Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yebisa Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. 10 Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.

11 Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne n’ahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ begyina biribiara ano. 12 Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti, moanya nea Onyankopɔn akora so ama n’ahotefo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13 Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne dɔ Ba no ahenni mu dwoodwoo, 14 na ne nti na wɔama yɛade yɛn ho na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn.

15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne Abakan a odi abɔde nyinaa so. 16 Efisɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara na ne mu na biribiara nya n’afa pɛpɛɛpɛ. 18 Asafo no yɛ ne nipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi no. Ɔno ne Abakan a wonyanee no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. 19 Efi Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no anya Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui asɛnnua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ n’ase.

21  Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ n’atamfo nso. 22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti, Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronn a bɔne biara nni mo ho wɔ n’anim. 23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den a momma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti, na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.

Paulo brɛ asafo no ho

24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu so boa nea aka wɔ Kristo amanehunu a ohui wɔ ne honam mu a egyina hɔ ma asafo no no.

25 Onyankopɔn a mo yiye di nti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ n’asɛm no ka, 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adasamma nanso afei de, wada no adi akyerɛ n’ahotefo. 27 Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda n’ahintasɛm a anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ n’ahotefo. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu; n’asekyerɛ ne sɛ Onyankopɔn anuonyam no ka mo.

28 Ɛno nti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ kyerɛkyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no, na ɔyɛ onipa a n’adwene mu abue na ɔne Kristo nso ayɛ baako. 29 Ansa na metumi adi saa dwuma no, na efi tumi a Kristo nam n’ahoɔden so de ama me no.

Paul, an apostle(A) of Christ Jesus by the will of God,(B) and Timothy(C) our brother,

To God’s holy people in Colossae, the faithful brothers and sisters[a] in Christ:

Grace(D) and peace to you from God our Father.[b](E)

Thanksgiving and Prayer

We always thank God,(F) the Father of our Lord Jesus Christ, when we pray for you, because we have heard of your faith in Christ Jesus and of the love(G) you have for all God’s people(H) the faith and love that spring from the hope(I) stored up for you in heaven(J) and about which you have already heard in the true message(K) of the gospel that has come to you. In the same way, the gospel is bearing fruit(L) and growing throughout the whole world(M)—just as it has been doing among you since the day you heard it and truly understood God’s grace. You learned it from Epaphras,(N) our dear fellow servant,[c] who is a faithful minister(O) of Christ on our[d] behalf, and who also told us of your love in the Spirit.(P)

For this reason, since the day we heard about you,(Q) we have not stopped praying for you.(R) We continually ask God to fill you with the knowledge of his will(S) through all the wisdom and understanding that the Spirit gives,[e](T) 10 so that you may live a life worthy(U) of the Lord and please him(V) in every way: bearing fruit in every good work, growing in the knowledge of God,(W) 11 being strengthened with all power(X) according to his glorious might so that you may have great endurance and patience,(Y) 12 and giving joyful thanks to the Father,(Z) who has qualified you[f] to share in the inheritance(AA) of his holy people in the kingdom of light.(AB) 13 For he has rescued us from the dominion of darkness(AC) and brought us into the kingdom(AD) of the Son he loves,(AE) 14 in whom we have redemption,(AF) the forgiveness of sins.(AG)

The Supremacy of the Son of God

15 The Son is the image(AH) of the invisible God,(AI) the firstborn(AJ) over all creation. 16 For in him all things were created:(AK) things in heaven and on earth, visible and invisible, whether thrones or powers or rulers or authorities;(AL) all things have been created through him and for him.(AM) 17 He is before all things,(AN) and in him all things hold together. 18 And he is the head(AO) of the body, the church;(AP) he is the beginning and the firstborn(AQ) from among the dead,(AR) so that in everything he might have the supremacy. 19 For God was pleased(AS) to have all his fullness(AT) dwell in him, 20 and through him to reconcile(AU) to himself all things, whether things on earth or things in heaven,(AV) by making peace(AW) through his blood,(AX) shed on the cross.

21 Once you were alienated from God and were enemies(AY) in your minds(AZ) because of[g] your evil behavior. 22 But now he has reconciled(BA) you by Christ’s physical body(BB) through death to present you(BC) holy in his sight, without blemish and free from accusation(BD) 23 if you continue(BE) in your faith, established(BF) and firm, and do not move from the hope(BG) held out in the gospel. This is the gospel that you heard and that has been proclaimed to every creature under heaven,(BH) and of which I, Paul, have become a servant.(BI)

Paul’s Labor for the Church

24 Now I rejoice(BJ) in what I am suffering for you, and I fill up in my flesh what is still lacking in regard to Christ’s afflictions,(BK) for the sake of his body, which is the church.(BL) 25 I have become its servant(BM) by the commission God gave me(BN) to present to you the word of God(BO) in its fullness— 26 the mystery(BP) that has been kept hidden for ages and generations, but is now disclosed to the Lord’s people. 27 To them God has chosen to make known(BQ) among the Gentiles the glorious riches(BR) of this mystery, which is Christ in you,(BS) the hope of glory.

28 He is the one we proclaim, admonishing(BT) and teaching everyone with all wisdom,(BU) so that we may present everyone fully mature(BV) in Christ. 29 To this end I strenuously(BW) contend(BX) with all the energy Christ so powerfully works in me.(BY)

Footnotes

  1. Colossians 1:2 The Greek word for brothers and sisters (adelphoi) refers here to believers, both men and women, as part of God’s family; also in 4:15.
  2. Colossians 1:2 Some manuscripts Father and the Lord Jesus Christ
  3. Colossians 1:7 Or slave
  4. Colossians 1:7 Some manuscripts your
  5. Colossians 1:9 Or all spiritual wisdom and understanding
  6. Colossians 1:12 Some manuscripts us
  7. Colossians 1:21 Or minds, as shown by