Add parallel Print Page Options

Woyi ɔsɔfo panyin biara fi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu akyɛ ade, abɔ bɔne ho afɔre de asom Onyankopɔn. Esiane sɛ n’ankasa yɛ mmerɛw akwan horow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no. Na esiane sɛ ɔno ankasa yɛ mmerɛw nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛnsɛ sɛ ɔbɔ ma nnipa a wɔayɛ bɔne nko na mmom ɔno ankasa ne bɔne nti.

Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ ɔsɔfo panyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.

Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me Ba: ɛnnɛ, mayɛ w’agya.” Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se, “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.”

Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de n’abisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no.

Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam n’amanehunu so suaa ahobrɛase. Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, 10 na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.

11 Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ, mo ntease yɛ den.

12 Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfitiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den nanso nufusu na eye ma mo. 13 Obiara a nufusu ye ma no da so yɛ abofra a onnim nea eye ne nea enye. 14 Aduan a ɛyɛ den nso ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn ma wɔnam nea ɛka wɔn ano no so hu papa ne bɔne ntam nsonoe.