Add parallel Print Page Options

Homebea Foforo

Afei, esiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin wɔ mu. Efisɛ, wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔaka akyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ, wɔn a wotiee no annye anni. Na yɛn a yɛagye adi no kɔ saa home no mu sɛnea Onyankopɔn aka se, “Enti mifi m’abufuw mu ka ntam se, ‘Wɔrenkɔ me home mu da.’“ Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso bere a ɔbɔɔ wiase no, na owiee n’adwuma.

Na Kyerɛwsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, “Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn homee a wanyɛ adwuma biara.”

Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, “Wɔremma me home mu da.” Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no anhome wɔ Onyankopɔn mu, efisɛ, wɔannye anni. Afoforo bi nso wɔ hɔ a wɔma wɔn kwan na wɔhome wɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Wogyina nokwasɛm a Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ,” no so. Mfe pii akyi no, ɔnam Dawid so kae wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, mummpirim mo koma.”

Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri yi Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm. Sɛnea ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no. 10 Obiara a ɔhome wɔ Onyankopɔn mu no home fi n’ankasa ne nnwuma mu sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no. 11 Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

12 Onyankopɔn asɛm te ase nnam so. Ɛyɛ nnam sen sekan anofanu. Etwa kosi baabi a honhom ne ɔkra hyia. Etwa kɔ baabi a apɔw ne dompe kyim hyia. Ebu nea nnipa adwene ne wɔn koma pɛ ho atɛn. 13 Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔde mu biribiara da n’anim na ɔno na ɛsɛ sɛ yebu yɛn ho akontaa kyerɛ no.

Yesu yɛn Sɔfopanyin

14 Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu dennen. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse Onyankopɔn Ba Yesu a wakɔ Onyankopɔn anim. 15 Yɛn Sɔfo panyin no nyɛ obi a ontumi nte nka mma yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ ho. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan horow nyinaa so sɛ yɛn ara nanso wanyɛ bɔne. 16 Momma yensi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no ho, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn bere a yɛn ho akyere yɛn no mu.