Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn akasa

Mmere a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan horow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo.

Mmom mmere a edi akyiri yi de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.

Ɔnam Onyankopɔn anuonyam hyerɛn a ɔhyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fi wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ soro.

Ɛno nti, ɔyɛɛ kɛse sen abɔfo no, efisɛ edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no. Efisɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ n’abɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba na nnɛ, mabɛyɛ w’agya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ w’agya na wayɛ me Ba.” Bere a Onyankopɔn pɛe sɛ ɔsoma n’abakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.” Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn yɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo gyadɛwee.” Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae sɛ, “O, Onyankopɔn, w’ahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; w’ahenni yɛ atɛntrenee. Wodɔ trenee, na wukyi bɔne; ɛno nti na Onyankopɔn a ɔyɛ wo Nyankopɔn no yii wo hyɛɛ wo anuonyam a ɛso sen w’ahokafo no.”

10 Onyankopɔn san kae se, “Wo, Awurade, na mfitiase no wobɔɔ asase na wode w’ankasa wo nsa bɔɔ soro. 11 Ne nyinaa betwam na wo de wobɛtena hɔ; ne nyinaa behi sɛ ntamagow. 12 Wɔbɛbobɔw no sɛ atade, na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wo de, daa wote sɛ nea wote; na wo mfe renhi da.”

13 Onyankopɔn anka ankyerɛ n’abɔfo no se, “Montena me nifa so kosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo nan ase ntiaso.”

14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.