Add parallel Print Page Options

Ahofadi

Ahofadi nti na Kristo ama yɛde yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.

Muntie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfaso biara amma mo koraa. Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi Mmara no nyinaa so. Mo a mopɛ sɛ wɔka mo bata Onyankopɔn ho nti mudi Mmara no so no, atew mo ho afi Kristo ho. Onyankopɔn adom no nni mo so bio.

Yɛn de, yɛn anidaso ne sɛ Onyankopɔn bɛka yɛn abata ne ho. Eyi ne gyidi a ɛnam tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom no mu no yɛretwɛn. Sɛ yɛne Kristo Yesu yɛ baako a, nsonoe biara nna twetiatwa ne momonotoyɛ ntam. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so di dwuma.

Na anka moretu mmirika no yiye! Na hena na ɔma mugyaee nokware no tie? Ɔkwan bɛn so na ɔfa daadaa mo? Saa nnaadaa no mfi Onyankopɔn a ɔfrɛ mo no. Wɔka se, “Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10 Meda so wɔ mo mu anidaso. Bata a yɛde yɛn ho abata Awurade no, ma minya gyidi sɛ, meremfa adwene foforo na nea ɔredaadaa mo no, ɔte dɛn ara a, Onyankopɔn bɛtwe n’aso. 11 Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka m’asɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no nkɔfa ɔhaw mma. 12 Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho.

13 Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi nnyɛ anoyi a ɛbɛma mo nipadua no adi mo so. Mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14 Efisɛ, Mmara no nyinaa tiaatwa kyerɛ sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15 Na sɛ mokeka na mopirapira mo ho mo ho a, ɛnne monhwɛ yiye na moansɛesɛe mo ho mo ho.

16 Asɛm a meka ne sɛ, momma Honhom no nni mo abrabɔ so, Mommma honam akɔnnɔ nnni mo so . 17 Efisɛ, nea honam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, honam no tia. Wɔn baanu no yɛ atamfo. Eyi kyerɛ sɛ worentumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ. 18 Sɛ Honhom no kyerɛ wo kwan a, na wonhyɛ Mmara ase.

19 Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, 20 abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21 nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo bi dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no, renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, 23 odwo, anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom.

24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. 25 Honhom no ama yɛn nkwa. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yɛn abrabɔ so. 26 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.