Add parallel Print Page Options

Mmara anaa gyidi

Mo Galatifo adwenemharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛkyerɛɛ bɔ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no kyerɛɛ mo. Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so anaasɛ mutiee Asɛmpa no, gye dii ansa? Saa na mo adwene mu yɛ hare? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? Mo suahu yi nyinaa ho amma mfaso biara? Minnye nni saa. Esiane sɛ moyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ no nti na Onyankopɔn hwiee ne Honhom no guu mo so ma moyɛɛ anwonwade no anaasɛ mutiee Asɛmpa no na mugye dii no nti?

Ɛte sɛ nea Kyerɛwsɛm no ka faa Abraham ho no pɛ se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.” Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. Kyerɛwsɛm no dii kan hui sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bɛma Amanamanmufo adan aba ne nkyɛn. Eyi nti, Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” Abraham gye dii, na wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.

10 Wɔadome wɔn a wodi Mmara so no. Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a onni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma no mu no so no, Onyankopɔn nnome wɔ ne so!” 11 Afei, akyinnye biara nni ho sɛ Mmara rentumi nka obiara mmata Onyankopɔn ho; efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Nea wɔnam gyidi so aka no abata Onyankopɔn ho no bɛtena ase.” 12 Nanso Mmara no nnyina gyidi so. Mmom Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no, te hɔ ma Mmara no.”

13 Nanso Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu, efisɛ, wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14 Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba Amanamanmufo so na yɛnam gyidi so anya bɔ a Honhom no ahyɛ yɛn no.

Mmara ne bɔhyɛ no

15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho.

16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne n’aseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne w’asefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne w’aseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ obedi so. Mmara a wɔhyɛɛ no mfirihyia ahanan ne aduasa ni no rentumi ngu apam no na ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛe no nso mu. 18 Na sɛ nea Onyankopɔn de ma no gyina Mmara so a, ɛnne na emfi ne bɔhyɛ no bio. Na esiane sɛ Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no nti na ɔde maa Abraham no.

19 Ɛnne na Mmara no botae ne dɛn? Wɔde kaa ho sɛnea ɛbɛda bɔne adi na ɛbɛtena hɔ kosi sɛ Abraham aseni a ne nti wɔhyɛɛ saa bɔ no bɛba. 20 Abɔfo na wɔnam onipa so de Mmara no ma. Nanso sɛ onipa baako na ɔwɔ hɔ de a, nea odi ntam no ho nhia. Saa onipa baako no ne Onyankopɔn.

Mmara no botae

21 Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabida! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛnne na onipa nam mmara so betumi aka ne ho abata Onyankopɔn. 22 Nanso Kyerɛwsɛm no aka se, wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase sɛnea ɛbɛyɛ a akyɛde a wɔnam Yesu Kristo so hyɛɛ ho bɔ no, wɔde bɛma wɔn a wogye di no.

23 Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosi sɛ wɔbɛda gyidi no adi.

24 Enti Mmara no na na ɛhyɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bɛka yɛn abata Onyankopɔn ho. 25 Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara nni yɛn so tumi bio.

26 Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. 27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28 Enti nsonoe nna Yudafo ne Amanamanmufo, ne nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho, ne mmarima ne mmea ntam. Mo nyinaa mo ne Kristo ayɛ baako. 29 Sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo na mo nsa bɛka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.