Add parallel Print Page Options

Enti anuanom, medɔ mo na m’ani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu.

Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. Na wo nso a woka me ho a migye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne m’ahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.

Meka ti mu bio sɛ daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo!

Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ, Awurade bɛba. Mommma biribiara nnhaw mo. Daa mo mpaebɔ nyinaa mu, momfa koma pa mmisa Onyankopɔn nea ehia mo. Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no, bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.

Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen. Nea moasua na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho.

Aseda

10 M’ani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa. 11 Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ moapa me, efisɛ, masua ama akokwaw me sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mepɛ. 12 Minim ohia, nim ahonya. Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ pii anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. 13 Ahoɔden a Kristo de ma me no nti, mitumi gyina tebea biara ano. 14 Eye sɛ moboaa me wɔ m’amanehunu mu.

15 Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara na moka nea minyae ne nea mehweree ho. 16 Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me. 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu.

18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔrebɔde huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na n’ani sɔ. 19 Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa. 20 Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen.

Nkyia

21 Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo. 22 Ahotefo no nyinaa kyia mo na ne titiriw no, ɔhempɔn Kaesare fifo.

23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.