Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti, ɔyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn. Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no.

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no, mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase. Mete dɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. Me mpaebɔ ne sɛ, baako a yɛne wo ayɛ sɛ gyidifo no bɛma yɛn ntease a emu dɔ wɔ nhyira biara a yenya fi Kristo mu no mu. Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.

Eyi nti, mitumi de akokoduru kasa kyerɛ wo sɛ wo nua wɔ Kristo mu, hyɛ wo ma woyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɔdɔ so na menam de saa asɛm yi to w’anim. Ɛwom sɛ me Paulo a meyɛ Kristo Yesu nanmusini na mprempren, ne nti meyɛ odeduani no, na meyɛ nea mereyɛ yi. 10 Enti migyina Onesimo a ɔyɛ me ba wɔ Kristo mu ananmu bisa, efisɛ, bere a meda afiase no, na ɔyɛ me ba honhom mu. 11 Bere bi a atwam no na ne ho nni mfaso ma wo nanso mprempren de, ne ho wɔ mfaso ma me ne wo. 12 Merema no asan n’akyi aba wo nkyɛn mprempren ara. Me koma ka ba a ɔreba no ho.

13 Esiane Asɛmpa no nti, mepɛ sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a obesi w’ananmu aboa me. 14 Nanso mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wufi wo pɛ mu boa me. Ɛno nti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.

15 Ebia na Onesimo twee ne ho kakra na akyiri yi wabedi nna wo nkyɛn. 16 Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ, ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

17 Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo fafafo a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛnea wubegye me no ara. 18 Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, dan ma me. 19 Ɛha de, me ara mede me nsa bɛhyɛ ase sɛ: Me Paulo, metua wo ka. Ɛnsɛ sɛ mekae wo sɛ wo nkwa gyina me so. 20 Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu.

21 Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.

22 Afei pɛ ɔdan ma me efisɛ, minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.

23 Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.

24 Saa ara nso na Marko, Aristako, Dema ne Luka nso kyia wo.

25 Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.