Add parallel Print Page Options

Mma ne awofo

Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ, saa na eye. “Di w’agya ne wo na ni” no ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho! na asi wo yiye na wo nna nso aware asase yi so.”

Awofo, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn Awurade kwan pa so.

Asomfo, momfa ehu ne ahopopo ntie mo wuranom a mo ne wɔn wɔ asase so ha, na momfa koma pa nsom wɔn sɛnea moresom Kristo no. Ɛnyɛ bere a wɔrehwɛ mo nko na monyɛ saa sɛnea mubenya wɔn anim nyam, na mmom, momfa mo koma nyinaa nyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ n’asomfo. Momfa anigye nyɛ mo adwuma sɛ asomfo a moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa. Monkae sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo na munnyae wɔn ahunahuna. Monkae sɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ soro; na ɔno de ɔnhwɛ anim mmu atɛn.

10 Nea etwa to ne sɛ, momfa mo ahoɔden nhyɛ Awurade mu wɔ ne tumi mu. 11 Momfa akode a Onyankopɔn de ama mo no nyinaa nhyehyɛ mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi asɔre atia ɔbonsam ne ne nnaadaa no. 12 Efisɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahohommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.

13 Eyi nti, momfa Onyankopɔn akode no mprempren! Na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina atamfo no anim na moko wie nso a, moagyina pintinn.

14 Enti munnyina hɔ; momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo 15 na momfa Asɛmpa a ɛma asomdwoe no sɛ mpaboa nhyehyɛ mo nan. 16 Bere biara, momfa gyidi nyɛ mo kyɛm. Na ɛno na mode bedum ɔbonsam bɛma a ɛredɛw a ɔbɛtow no. 17 Momfa nkwagye kyɛw ne Onyankopɔn asɛm sɛ nkrante a Honhom no de ama mo.

18 Monyɛ eyi nyinaa wɔ mpaebɔ mu na mummisa Onyankopɔn hɔ mmoa. Bere biara, momma Honhom no nni mo kan wɔ mpaebɔ mu. Eyi nti munnyina pintinn na mommpa abaw. Daa mommɔ mpae mma Onyankopɔn nkurɔfo. 19 Mommɔ mpae mma me na sɛ mepɛ sɛ mekasa a, Onyankopɔn ama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so mada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20 Ɛwom sɛ mprempren meyɛ odeduani de, nanso Asɛmpa yi nti, meyɛ ɔnanmusifo. Mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru akasa sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.

21 Yɛn nua pa, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo gyidini no bɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu dwuma a meredi. 22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama wabɛka sɛnea yɛresi kɔ so akyerɛ mo na wasan ahyɛ mo nkuran nso.

23 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma anuanom nyinaa asomdwoe ne ɔdɔ a gyidi wɔ mu. 24 Adom nka wɔn a daa wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no.