Add parallel Print Page Options

Hwɛ sɛ wobɛfata Onyankopɔn anim

Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma pa no nti, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden na mosɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ di mo abrabɔ so sɛnea Kristo dɔɔ yɛn no nti, ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam na ɛsɔ Onyankopɔn ani no.

Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no nti, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ aguamammɔ anaa afide anaa anibere so de bata mo din ho. Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi. Mmom ɛsɛ sɛ moda Onyankopɔn ase.

Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo, ‘anibere yɛ abosonsom no bi’ no, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahenni no mu bi. Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. Enti mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara. Na mo ankasa mowɔ esum mu nanso esiane sɛ moabɛyɛ Awurade nkurɔfo no nti, moaba hann mu. Enti ɛsɛ sɛ motena ase sɛ nnipa a wɔyɛ hann mma. Efisɛ, hann no na wotwa mu aba pa biara, a ɛyɛ trenee ne nokware.

10 Munsua nea ɛsɔ Awurade ani yɛ. 11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a nnipa yɛ a ɛwɔ esum mu no ho. Na mmom, monna no adi wɔ hann mu. 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔka nneɛma a wɔyɛ no esum mu no ho asɛm? 13 Na sɛ wɔda nneɛma no nyinaa adi wɔ hann mu a, na wobehu wɔn su ankasa. 14 Efisɛ, biribiara a wɔda no adi no bɛyɛ hann. Enti na wɔaka se, “Nyan, wo a woada, na sɔre fi awufo mu! Na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” 15 Enti monhwɛ mo asetena so yiye pa ara. Monntena ase sɛ wɔn a wonnim hwee, na mmom montena ase sɛ anyansafo. 16 Bere biara a mubenya no, monhwere no yiye efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17 Monnyɛ adwenem harefo na monhwehwɛ nea Awurade pɛ sɛ moyɛ.

18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ɔsɛe mu. Na mmom momma Honhom Kronkron no nhyɛ mo ma.

19 Momfa nnwom mu nsɛm nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu. 20 Bere biara monna Agya Onyankopɔn ase wɔ biribiara mu wɔ Awurade Yesu Kristo din mu.

Ɔyerenom ne okununom

21 Esiane obu a mubu Kristo nti, mommrɛbrɛ mo ho ase.

22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 efisɛ, okunu wɔ tumi wɔ ne yere so sɛnea Kristo nso wɔ tumi wɔ asafo no so no. Kristo ankasa nipadua no yɛ asafo no Agyenkwa. 24 Enti ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase koraa ma wɔn kununom sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no.

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no nti ɔde ne kra too hɔ, 26 nam asubɔ ne Onyankopɔn asɛm so de tew ho 27 de ama ne ho wɔ ne fɛ ne ne kronnyɛ mu a ɛho ntɔɔ kyima bi no. 28 Ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ n’ankasa ne ho. 29 Obiara ntan ne ho. Mmom, ɔma no aduan di, hwɛ no yiye sɛnea Kristo hwɛ asafo no pɛ; 30 yɛn nso yɛyɛ ne nipadua ho akwaa bi.

31 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na na ɔde ne ho akɔbata ne yere na wɔn baanu no nyinaa ayɛ biako.” 32 Saa asɛm yi yɛ nokware na mete ase sɛ ɛfa Kristo ne asafo no ho. 33 Na ɛfa wo nso wo ho. Ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ n’ankasa ne ho, na ɔyere biara nso bu ne kunu.

Follow God’s example,(A) therefore, as dearly loved children(B) and walk in the way of love, just as Christ loved us(C) and gave himself up for us(D) as a fragrant offering and sacrifice to God.(E)

But among you there must not be even a hint of sexual immorality,(F) or of any kind of impurity, or of greed,(G) because these are improper for God’s holy people. Nor should there be obscenity, foolish talk(H) or coarse joking, which are out of place, but rather thanksgiving.(I) For of this you can be sure: No immoral, impure or greedy person—such a person is an idolater(J)—has any inheritance(K) in the kingdom of Christ and of God.[a](L) Let no one deceive you(M) with empty words, for because of such things God’s wrath(N) comes on those who are disobedient.(O) Therefore do not be partners with them.

For you were once(P) darkness, but now you are light in the Lord. Live as children of light(Q) (for the fruit(R) of the light consists in all goodness,(S) righteousness and truth) 10 and find out what pleases the Lord.(T) 11 Have nothing to do with the fruitless deeds of darkness,(U) but rather expose them. 12 It is shameful even to mention what the disobedient do in secret. 13 But everything exposed by the light(V) becomes visible—and everything that is illuminated becomes a light. 14 This is why it is said:

“Wake up, sleeper,(W)
    rise from the dead,(X)
    and Christ will shine on you.”(Y)

15 Be very careful, then, how you live(Z)—not as unwise but as wise, 16 making the most of every opportunity,(AA) because the days are evil.(AB) 17 Therefore do not be foolish, but understand what the Lord’s will is.(AC) 18 Do not get drunk on wine,(AD) which leads to debauchery. Instead, be filled with the Spirit,(AE) 19 speaking to one another with psalms, hymns, and songs from the Spirit.(AF) Sing and make music from your heart to the Lord, 20 always giving thanks(AG) to God the Father for everything, in the name of our Lord Jesus Christ.

Instructions for Christian Households(AH)

21 Submit to one another(AI) out of reverence for Christ.

22 Wives, submit yourselves to your own husbands(AJ) as you do to the Lord.(AK) 23 For the husband is the head of the wife as Christ is the head of the church,(AL) his body, of which he is the Savior. 24 Now as the church submits to Christ, so also wives should submit to their husbands(AM) in everything.

25 Husbands, love your wives,(AN) just as Christ loved the church and gave himself up for her(AO) 26 to make her holy,(AP) cleansing[b] her by the washing(AQ) with water through the word, 27 and to present her to himself(AR) as a radiant church, without stain or wrinkle or any other blemish, but holy and blameless.(AS) 28 In this same way, husbands ought to love their wives(AT) as their own bodies. He who loves his wife loves himself. 29 After all, no one ever hated their own body, but they feed and care for their body, just as Christ does the church— 30 for we are members of his body.(AU) 31 “For this reason a man will leave his father and mother and be united to his wife, and the two will become one flesh.”[c](AV) 32 This is a profound mystery—but I am talking about Christ and the church. 33 However, each one of you also must love his wife(AW) as he loves himself, and the wife must respect her husband.

Footnotes

  1. Ephesians 5:5 Or kingdom of the Messiah and God
  2. Ephesians 5:26 Or having cleansed
  3. Ephesians 5:31 Gen. 2:24