Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn kɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔte Efeso a wɔwɔ Kristo Yesu mu gyidi wɔ wɔn asetena mu no nso nkyɛn.

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no mmra mo so.

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya no ase. Efisɛ, ɔnam ma a wama yɛn ɔsoro Honhom mu akyɛde no so ahyira baako a yɛne Kristo ayɛ no so.

Onyankopɔn da ne nhyehyɛe adi

Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi yɛn dedaw sɛ yɛmmɛyɛ ne de wɔ Kristo mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ kronn na yɛayɛ pɛ wɔ n’anim a mfomso biara nni yɛn ho. Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no nti, na wayɛ n’adwene dedaw sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛka yɛn abata ne ho sɛ ne mma. Eyi ne Onyankopɔn pɛ ne ne botae.

Momma yɛnkamfo Onyankopɔn wɔ n’anuonyam adom ne ne dɔ Ba a ɔde no kyɛɛ yɛn kwa no ho.

Kristo wu a owui no ama yɛade yɛn ho. Ɛkyerɛ sɛ wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn; wahu yɛn mmɔbɔ a enni kabea, efisɛ, ɔte yɛn ase na onim nea eye ma yɛn bere biara mu nso.

Onyankopɔn yɛɛ nea ɔpɛe sɛ ɔyɛ na ɔnam Kristo so daa ne nhyehyɛe a wahyɛ sɛ ɔbɛyɛ a wanna no adi no adi kyerɛɛ yɛn. 10 Sɛ bere no so a, Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔde bewie ne sɛ, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

11 Onyankopɔn nhyehyɛe ne n’adwene so na wɔnam yɛ biribiara. Onyankopɔn botae a wasi so dua fi mfitiase pɛɛ no so na wɔnam ayi yɛn sɛ ne nkurɔfo a wɔne Kristo ayɛ baako no. 12 Ne saa nti, momma yɛn a yenyaa Kristo mu anidaso kan no nkamfo Onyankopɔn anuonyam.

13 Saa ara na na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa no a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii maa Onyankopɔn penee so nam so hwiee Honhom Kronkron no a ɔhyɛɛ mo ho bɔ no guu mo so de kyerɛe sɛ moyɛ ne de. 14 Honhom no yɛ akyigyinade a ɛkyerɛ sɛ yɛn nsa bɛka nea Onyankopɔn ahyɛ ne nkurɔfo ho bɔ no, na ɔhyɛ yɛn bɔ bio sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn a wɔyɛ ne de no ahofadi de akamfo n’anuonyam.

15 Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no, 16 minnyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu, 17 na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no. 18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu anidasoade a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no ne ne nhyira nwonwaso a ɔhyɛɛ ne nkurɔfo ho bɔ no, 19 ne sɛnea ne tumi yɛ adwuma fa wɔ yɛn a yegye no di no mu. Saa tumi a ɛwɔ yɛn mu yi te sɛ tumi kɛse 20 a ɔnam so maa Kristo sɔre fii awufo mu na wɔde no tenaa nifa so wɔ ɔsoro hɔ no. 21 Kristo di biribiara so wɔ soro hɔ. Odi soro atumfo ne awuranom so na ɔkorɔn sen dibea biara a ɛwɔ tumi a ɛwɔ wiase ha ne nea ɛreba no mu. 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase na ɔde no maa asafo no sɛ otumfo Awurade a ɔkorɔn sen biribiara. 23 Asafo no yɛ Kristo nipadua a ɔno ankasa hyɛ mu na ɔma biribiara wie pɛyɛ wɔ baabiara no.