Add parallel Print Page Options

Petro ne Yohane gyina asɛnnii

Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn. Wɔn bo fuw yiye, efisɛ, na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu. Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee. Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no dii.

Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne mmara no akyerɛkyerɛfo hyiae wɔ Yerusalem. Wɔhyiaa ɔsɔfo panyin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi ɔsɔfo panyin no abusua mu. Wɔma wɔde asomafo baanu yii baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”

Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw, sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne hɔ tɔɔ no no a, 10 ɛnne ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ, saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den. 11 Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se, ‘Ɔbo a mo adansifo poe no abɛyɛ tweatibo’. 12 Ɔno nkutoo mu na nkwagye wɔ; efisɛ, edin biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”

13 Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoduru so saa. Wohui sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee. 14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ, wɔhui sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15 Wɔma wofii asɛnnii hɔ ma wɔdwennwenee asɛm no ho.

16 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17 Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”

18 Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.

19 Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa. 20 Nea yɛahu ne nea yeate de, yɛren tumi nnyaa ho asɛnka.”

21 Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22 Na ɔbarima a wɔnam anwonwa kwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan.

Gyidifo no mpaebɔ

23 Wogyaa Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ gyidifo a aka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn.

24 Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu, 25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ w’akoa no so ma ɔkae se, ‘Adɛn nti na Amanamanmufo bo fuw, adɛn nti na nnipa bɔ apoo hunu? 26 Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfo bom tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.’

27 “Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne Amanamanmufo ne Israel fo hyiae wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a wɔatew ne ho no. 28 Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29 Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ w’asomfo yi mfa akokoduru nka w’asɛm yi. 30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.”

31 Wɔbɔɔ mpae wiei no, faako a wohyiae hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa mama na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

Gyidifo no asetena

32 Gyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se n’ankasa ahode bi yɛ ne nkutoo de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae. 33 Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.

34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee de sika a wonya fii mu no 35 brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛe sɛnea ɛho hia obiara.

36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro, a na asomafo no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37 tɔn n’asase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.