Add parallel Print Page Options

Yedu Malta

28 Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehui sɛ yɛwɔ supɔw Malta so. Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ gya ma yɛtoe.

Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ahurutoa bi a ogya no hyew aka no no, bobaree ne nsa ho. Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbobare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu nanso ɛnam ne bɔne nti, owu ara na etwa sɛ owu.”

Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a wantumi anka no. Na nkurɔfo no nyinaa ani da so sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.”

Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so, som yɛn hɔho nnansa. Saa bere no ara na Publio n’agya yaree atridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. 10 Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn.

Yefi Malta kɔ Roma

11 Yedii abosom abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ ti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔw bere no wɔ supɔw no so. 12 Yeduu Sirakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ. 13 Yefi hɔ no, yɛtoaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fi anafo fam ma nnanu akyi no, yekoduu Puteoli. 14 Ɛha na yehyiaa gyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma.

15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔe a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase.

16 Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.

17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. 18 Wobisaa me nsɛm pɛe sɛ wogyaa me, efisɛ, wɔannya afobude bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wogyina so kum me. 19 Nanso bere a Yudafo kasa tiaa ogyaa a wɔpɛ sɛ wogyaa me no, mihui sɛ, ɛsɛ sɛ miguan metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ eyi. 20 Eyi nti na mepɛe sɛ mehu mo na me ne mo akasa no, na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”

21 Wobuaa Paulo se, “Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi hɔ ba ha no nso nkyɛn. 22 Nanso yɛpɛ sɛ yehu w’adwene, efisɛ, yenim sɛ baabiara, nnipa kasa tia Kristofo a wɔn nso woka wɔn ho no.”

Paulo asɛnka wɔ Roma

23 Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛe sɛ ɔdan wɔn adwene.

24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na ebi nso annye anni. 25 Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii hɔ kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne sɛ, “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se,

26 “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se, ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase. Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morehu. 27 Efisɛ mo, moapirim mo koma; moasiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mobehu ade na moate asɛm. Na mo koma abubu, na moadan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”

28 Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no adu Amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!” 29 Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii hɔ kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneenen.

30 Paulo tenaa hɔ mfirihyia abien a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka no mu na nnipa bebree kɔ ne nkyɛn. 31 Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.