Add parallel Print Page Options

Paulo kɔ Roma

27 Wosii gyinae wiei sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa. Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.

Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no. Esiane sɛ yetuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu.

Hyɛn no kɔɔ brɛoo ma yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛe ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea.

Esiane sɛ na afe no rekɔ n’awiei na saa bere no nso po no so fa yɛ hu no nti, yɛtenaa hɔ kyɛe. Paulo tuu wɔn fo se, 10 “Anuanom, mihu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” 11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no. 12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔw bere mu no nti nnipa no pii pɛe sɛ, sɛ ebetumi a, anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foenike. Foenike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu.

Ɛpo so ahum no

13 Mframa a ano nyɛ den bɔ fii anafo fam. Eyi maa nnipa no susuwii sɛ wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano.

14 Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no “Atifi Apuei Mfarama” bɔ fii supɔw no so. 15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe.

16 Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛe ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu. 17 Hyɛn no mu adwumayɛfo maa so baa hyɛn no mu, kyekyeree no denneenen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akotim anhwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.

18 Ahum no kɔɔ so tui; ɛno nti ade kyee no, woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu. 19 Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui. 20 Nnafua bebree twaa mu a na yenhu awia anaa nsoromma a na ahum no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae.

Paulo kyekye wɔn werɛ

21 Nnafua bebree twaa mu a na obiara nnidii no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22 Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ, mo mu biara renwu na mmom hyɛn no na ɛbɛbɔ.

23 “Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn 24 bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wadi w’asɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’ 25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ, migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 26 Nanso nea ɛbɛyɛ biara, hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔw bi mpoano.”

Hyɛn no bɔ

27 Ne nnawɔtwe abien anadwo no a na ahum no nti hyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo hui sɛ yɛrebɛn asase. 28 Wɔtow susuhama hui sɛ nsu no mu tenten yɛ anamɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohui sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. 29 Esiane sɛ na wosuro sɛ anyɛ a hyɛn no bɛpem abotan bi nti, wɔtow asɛkyɛ anan wɔ hyɛn no akyi twɛn adekyee. 30 Hyɛn no mu adwumayɛfo pɛe sɛ woguan. Enti wogyaa hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛe sɛnea wɔrekɔtow sɛkyɛ wɔ hyɛn no anim. 31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, “Sɛ hyɛn yi mu adwumayɛfo no guan a, mubewuwu.” 32 Eyi nti, asraafo no twaa hama a ɛkyekyere hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe.

33 Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi. Nea ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa n’ano. 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a mobenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.”

35 Paulo kasa wiei no, ɔfaa abodoo bɔɔ mpae, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na obuu bi dii. 36 Amonom hɔ ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofitii ase didii. 37 Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow yɛ ahanu ne aduɔsɔn asia. 38 Obiara didi mee no, hyɛn no mu adwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.

39 Ade kyee no, hyɛn no mu adwumayɛfo no anhu sɛ wɔadu mpoano. Wohuu baabi a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa hɔ. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akotim. 40 Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no asɛkyɛ ahama mu maa asɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansanee hama a ekita akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41 Nanso hyɛn no kɔpem anhweatam bi ma etimii. Hyɛn no anim timii denneenen ɛnna n’akyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ebubui.

42 Asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya kwan nguan. 43 Nanso esiane sɛ na asraafo panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nkwa no nti, wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare no mfiti ase nguare nkɔ mpoano. 44 Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa kwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.