Add parallel Print Page Options

Paulo ne Silas kɔ Tesalonika

17 Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Ampifoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no. Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye wɔ Kyerɛwsɛm no ho, kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara nen.

Yudafo mpanyin no ani beree enti wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae pɛe sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no.

Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛm se, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu, ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yenni so no so, efisɛ, wɔka se, ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”

Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no. Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinam ma wogyaa wɔn.

Paulo ne Silas kɔ Beroia.

10 Ade sae ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. 11 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛ sɛ wohu sɛ kyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware anaa. 12 Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee kyerɛkyerɛ no dii.

13 Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyan ɛhɔfo nso. 14 Enti ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. 15 Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo se wɔmmɛka ne ho ntɛm.

Paulo wɔ Atene

16 Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohuu ahoni pii wɔ kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye. 17 Enti na ɔne Yudafo ne Amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye wɔ aguabɔe ara nen.

18 Afei ɔne Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, “Dɛn na ɔtoatoafo yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforo nso kae se, “Ɛsɛ nea ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm.

19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago nhyiam anim kae se, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20 efisɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforo enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye.” 21 Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo.

Paulo asɛnka wɔ Areopago

22 Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiam no anim kae se, “Atenefo, mihu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yiye. 23 Efisɛ, mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se, ‘Onyame a wonnim no no de.’ Enti ade a munnim na mosɔre no no, ɔno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

24 “Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadi so de bɛma no no nso ho nhia no, efisɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ehia wɔn. 26 Ɔnam onipa biako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wobegu. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye.

27 “Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ n’akyi kwan atwiw abɛn no; 28 sɛnea obi ka se, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwontofo bi nso aka se, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ nen. 29 Ɛnne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɔbo ayɛ. 30 Onyankopɔn buu n’ani guu bere a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi akwammɔne so. 31 Efisɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa.”

32 Bere a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔre ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforo nso kae se, “Yɛpɛ sɛ wosan ka saa asɛm no bio.” 33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo fii nhyiam no ase hɔ kɔe. 34 Nanso nnipa kakraa bi gyee no dii de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofo mu ne ɔbea bi a ne din de Damari ne afoforo bi.