Add parallel Print Page Options

Ikonium asɛnka

14 Paulo ne Barnaba duu Ikonium no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa maa Yudafo ne Amanamanmufo bebree bɛyɛɛ gyidifo.

Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan Amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no. Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛe sɛ nsɛm a wɔka fa n’adom ho no yɛ nokware. Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; ɛfa kɔɔ Yudafo no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafo no afa.

Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade, asan asiw wɔn abo. Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.

Obubuafo bi ayaresa

Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi n’awo mu. Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo hui sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no 10 teɛɛm se, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafo yi huruw gyinae, fitii ase nantewee.

11 Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofitii ase teɛteɛɛm wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, efisɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na n’asɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛe sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.

14 Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipa kuw no mu teɛteɛɛm se, 15 “Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ onipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka Asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa no. 16 Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. 17 Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di n’ankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ, ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di, ma munya ahotɔ.”

18 Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, ɔpɛ ara na nnipa no pɛe sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.

19 Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikonium tuu nnipa no aso ma wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu; na wosusuw sɛ wawu. 20 Nanso bere a gyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.

Paulo ne Barnaba san ba Antiokia

21 Paulo ne Barnaba kaa Asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikonium ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22 Wɔhyɛɛ gyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ gyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.” 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa.

24 Wofi Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25 Wɔkaa Asɛmpa no wɔ Perge, na wofi hɔ baa Atalia.

26 Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no.

27 Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama Amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.