Add parallel Print Page Options

Ɔtaa

12 Saa bere yi mu ara na ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fitii ase yɛɛ wɔn ayayade. Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo. Ohui sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔma wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Nna Afahyɛ no mu. Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ n’adwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, obedi n’asɛm wɔ ɔman no anim. Bere a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ no so.

Ɔbɔfo yi Petro fi afiase

Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu nso rewɛn afiase pon no ano. Amonom hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ w’atade ne wo mpaboa. Petro wiei no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di m’akyi.”

Petro dii n’akyi fii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ, na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara. 10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dadepon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa buei ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra, na afei ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.

11 Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.” 12 Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no na a ne din de Maria no fi. Saa bere no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae.

13 Petro bɔɔ abɔntenpon no, na abeawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei. 14 Bere a ɔtee nne no, anigye nti, wammue pon no. Ɔsan n’akyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.” 15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kae se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ne saman.”

16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuei a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn. 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.

18 Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa. 19 Herode hyɛe sɛ wɔnhwehwɛ no nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.

20 Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ, na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so. 21 Wotuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no dui no, ɔhyɛɛ n’ahentade tenaa n’ahengua so, kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Herode kasa wiei no, nnipa no kae se, “Ɔkasa sɛ onyame bi.”

23 Ɛhɔ ara Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyaree. Ɔdɔɔ mmoa ma owui, efisɛ, wamfa obu amma Onyankopɔn.

24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee maa nnipa bebree gye dii.

25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan wɔn akyi fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.