Add parallel Print Page Options

Asafo no Asehyɛ

M’adamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe, ne ne nkyerɛkyerɛ kosi bere a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ soro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ soro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no. Ne wusɔre akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ n’asuafo no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.

Da bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn se, “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a m’agya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

Yesu Sorokɔ

Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, “Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛma Israel anaa?”

Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kosi asase ano.”

Ɔkasa wiei no, asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ soro na wɔanhu no bio. 10 Wogu so rehwɛ wim no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, 11 kae se, “Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn kɔ soro no, sɛnea osi kɔɔ soro no, saa ara na ɔbɛsan aba bio.”

Woyi Yuda Nanmusifo

12 Eyi akyi no, asuafo no fii Ngo Bepɔw no so baa Yerusalem. Efi Ngo Bepɔw no so ba Yerusalem no bɛyɛ borɔfokwansin fa. 13 Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda. 14 Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nnuammarimanom hyia bɔ mpae.

15 Nna kakraa bi akyi no, gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se:

16 “Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam David so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam no so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu. 18 Sika a Yuda nya fii ade bɔne a ɔyɛe no mu no wɔde tɔɔ asase wɔ faako a owui hɔ. Ɔtew bɛhwee fam maa ne mu paee maa n’ayamde tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a ase kyerɛ ne sɛ, ‘Mogya Asase.’” 20 Petro toaa so kae se, “Wɔakyerɛw wɔ Dawid nnwom mu se, ‘Ne fi nna mpan, na ne som adwuma no obi mfa.’”

21 “Enti ɛsɛ sɛ yeyi nnipa a yɛne wɔn nantewee bere a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, 22 fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ soro no, efisɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse.

23 Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei asuafo no bɔɔ mpae se, “Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woapaw no, 25 sɛ ommesi Yuda a wanya ne baabi kɔ no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no.”

26 Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto ma ɛbɔɔ Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho.