Add parallel Print Page Options

22 “Anuanom ne agyanom, muntie m’anoyi yi.” Wɔtee sɛ ɔka Hebri no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so se, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi. Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase. Ɔsɔfo panyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

Paulo ka n’adwensakra ho asɛm

“Owigyinae a mereyɛ madu Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho. Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me? Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awura?’ Ɛnne no buaa me se, ‘Ɛyɛ me Naseretni Yesu a wotaa me no.’ Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.

10 “Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’ Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’ 11 Hann no hyerɛn ano den maa m’ani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko.

12 “Na Onyamefɛrefo bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, ‘Onua Saulo, hu ade bio!’

14 “Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ n’apɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte n’ankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. 15 Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16 Afei dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’

Wɔsoma Paulo Amanamanmufo nkyɛn

17 “Mesan mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae wɔ asɔredan mu no, 18 mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ, nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’

19 “Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo, boroo wɔn. 20 Saa ara nso na bere a wokum wo danseni Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.’

21 “Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ, efisɛ, mɛsoma wo makɔ akyirikyiri, Amanamanmufo nkyɛn!’ “

22 Bere a Paulo kae se wɔasoma no Amanamanmufo nkyɛn pɛ, dɔm no fitii ase teɛteɛɛm dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!” 23 Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛm, hugyaa wɔn ntama, saw mfutuma, tow petee wim.

24 Roma safohene no hyɛe sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie n’asɛm no.

25 Bere a wɔkyekyeree no wiei a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii n’asɛm, mmuu no fɔ no mmaa anaa?”.

26 Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”

27 Afei ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani anaa?” Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.”

28 Ɔsafohene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma man bayɛ.” Paulo nso kae se, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.”

29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroe sɛ wɔama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Paulo gyina asennii

30 Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔe sɛ wɔnhwehwɛ n’asɛm no mu.